song lyrics / Obrafour / Maame lyrics  | FRen Français

Maame lyrics

Performer Obrafour

Maame song lyrics by Obrafour official

Maame is a song in indeterminate language

Obrafoɔ
Mpem mmienu
2, 000
Ghana
Mabɛduru

Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Obrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi ni
Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Obrafoɔ mese maseda nie
Maame wayeyi ni
Yo!

Awoɔ yɛya nso woampaaba
Wabadayɛ deɛ ɛnna menhuu bi da
Medwen woho a menhu deɛ me nka
Ampa obiaa ntimi nyɛ mma me wɔ deɛ wayɛ ama me wɔ me wiase
Me mmɔfra ase
Wode ntoboaseɛ
Ahobraseɛ
Anya meho nteaseɛ
Na wode bɛsi nnɛ
Nti mede me tɛkrɛma bɛpaemu akasɛ medawase

Nhyira nka wodin
Nyame ma wo ahoɔden
Me nyin na me wo aa Maame na mɛto no abadin
Watete mewɔ Nyame suro kwan so
ɔdɔ a wayi no adi akyerɛ me no deɛ ɛboro meso
ɛberɛ nyinaa meti da woso
Oh! Nyankopɔn
Twiediampɔn
Wona wo bɔɔ ɔsoro ne asaase ne nyankontɔn
ɛna wo bɔɔ me ɔbrempɔn
Deɛ meserɛ wo ne sɛ hyira me maame anim mprenpren
Ma wɔn nkwa nna wɔ asaase so ɛnyɛ tenten

Sɛ mehwɛ nea woayɛ ama me a
Wosɛ ayɛyi
Nana Nyame nhyira wo o
Maame e

Sɛ mehwɛ nea woayɛ ama me a
Wosɛ ayɛyi
Nana Nyame nhyira wo o
Maame e

Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Obrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi ni
Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Obrafoɔ mese maseda nie
Maame wayeyi ni
Yo!

Akoma pa, nteteɛ pa, ɔdɔ pa, nhwɛso pa
Nyinaa firi me Maame Ama
Ɛyɛ ampa, mamenka
Meho adwendwen ahyɛ no ma
Nti ɔkɔ kɛtɛ so koraa, ɛyaa ɔnna
Ɛnkanka, meyare a, ɔntumi nnidi, obua da
Ɔde ayam hyehyeɛ, ahopreprɛ yɛ m'akoma pedeɛ
Ɛnkosi sɛ daa meho bɛto me, ɔnni anigyeɛ
Ɔbi bɛ seɛ, ɔdɔ mu afɛfɛdeɛ
Bɛhwɛ Kwabena abranteɛ
Maame gyegye me so tesɛ ɔdehyeɛ
Woanyinaa hwan na ɛbɛyɛ
Maame nkoaa na ɛbɛyɛ
Mentumi nni wo boniayɛ, hwɛ deɛ woayɛ
Abosome mekɔɔ akwantuo
Woate ne me nisuo
Hwɛ menkoda bɔnensem, woanfa me ho abufuo
Woama me nofonsuo
Nokorɛ Nyame anim, mehu sɛ woabrɛ me ho papa
Woyɛ ɔbaahemaa, mentumi nfa wo nto kyakya
Aseda na wofata Mama, bisa Kwaataa
Lyrics copyright : legal lyrics licensed by Lyricfind.
No unauthorized reproduction of lyric.

Comments for Maame lyrics

Name/Nickname
Comment
Copyright © 2004-2024 NET VADOR - All rights reserved. www.paroles-musique.com/eng/
Member login

Log in or create an account...

Forgot your password ?
OR
REGISTER
Select in the following order :
1| symbol to the left of the bulb
2| symbol to the left of the camera
3| symbol at the top of the television
grid grid grid
grid grid grid
grid grid grid